Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #545

Hymn 545 'Gyenkwa, Ka Yɛn Sɛ Guanhwɛfo

[V1]
'Gyenkwa, ka yɛn sɛ guanhwɛfo,
Yehia Wo nhwɛso pa no;
Fa yɛn kɔ W'adidibea hɔ,
Na siesie aduan' ma yɛn;
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu,
Woatɔ yɛn, yɛyɛ Wo de;
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu,
Woatɔ yɛn, yɛyɛ Wo de.

[V2]

Yɛyɛ Wo de, fa yɛn nnamfo,
Hwɛ yɛn so ɔkwan no mu;
Hwɛ Wo nguan yi wɔn fi bɔnem'
Yɛfom kwan a hwehwɛ yɛn;
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu
Sɛ yɛbɔ mpae a tie yɛn!
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu
Sɛ yɛbɔ mpae a tie yɛn!

[V3]

Woahyɛ bɔ sɛ Wobɛgye yɛn,
Yɛyɛ abɔnefo de;
Wowɔ ahummɔb'rɔ ma yɛn,
'Hotew ne 'hofadi 'dom:
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu
Yɛbɛdan aba Wo nkyɛn
Hy'rafo Yesu, Hy'rafo Yesu
Yɛbɛdan aba Wo nkyɛn.

545. 'Gyenkwa, Ka Yɛn Sɛ Guanhwɛfo

Link copied to clipboard successfully!