Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #197

Hymn 197 Me Guanhwɛfo Ne Dɔ Hen' No

[V1]
Me Guanhwɛfo ne dɔ Hen' no
Ne papayɛ rensa da;
Mewɔ No a, b'ribi nhia me,
Na ɔyɛ me de daa daa.

[V2]

Nea nkwa asubɔnten sen no
Ogya me kra á Wapon no,
Nea nhabammono fifi no,
De soro aduan yɛn no.

[V3]

Metaa meyɛ kwasea to kwan
Na Okyin pɛ me ɔdɔm',
ɔsoa me Ne mmat'ri so brɛoo,
ɔde me ba fie 'nigyem.

[V4]

Me nkwa nna tenten yi nyinaam,
W'ayamye no mmɔ me da;
'Guanhwɛfo pa, meyi W'ayɛ,
Wɔ Wo fi ha daa nyinaa.

197. Me Guanhwɛfo Ne Dɔ Hen' No

Link copied to clipboard successfully!