Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #513

Hymn 513 Mete Soro Dɔ Mu Yi

[V1]
Mete soro dɔ mu yi,
Me koma nsuro hwee;
Wɔn a wɔte saa ho sɔnn,
'Fisɛ hwee nsakra ha;
Ahum betwa me hō ahyia
Ama me komá atu,
Nanso Nyame wɔ m'afa
Enti merensuro.

[V2]

ɔde me fa he arā a
Ohia rentum' nsan me;
Me Guanhwɛfo wɔ me nkyɛn,
Enti hwee renhia me;
Ne nyansa ngo na ada,
N'ani nyɛ kusuu da;
Onim kwan a ɔnam so
Na me ne No bɛkɔ.

[V3]

Wura frɔmfrɔm wɔ m'anim
A minnya minhui mpo;
Nea munumkum sii kwan no,
Ͻrenkyɛ n'ayɛ hann,
M'anidaso nni kabea
Me nkwa kwan da hɔ kwa;
M'ade wɔ me Gyefo nsam',
ɔne me bɛnantɛw.

513. Mete Soro Dɔ Mu Yi

Link copied to clipboard successfully!