Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #194
Hymn 194 Yɛto Kųrom Asetra Ho Dwom
[V1]
Yɛto kųrom asetra ho dwom,
Nea 'nigye ne 'dwennwen wɔ;
Yɛto mu nnipadɔm ho dwom,
Wɔte ɛdɔm mmɔnten so,
'Fi santen a ennė ano mu,
Na wɔbɔ wɔn bra horow;
Abrabɔ a ɛda adi
Nnipa awo ne 'nyin mu.
Yɛto kųrom asetra ho dwom,
Nea 'nigye ne 'dwennwen wɔ;
Yɛto mu nnipadɔm ho dwom,
Wɔte ɛdɔm mmɔnten so,
'Fi santen a ennė ano mu,
Na wɔbɔ wɔn bra horow;
Abrabɔ a ɛda adi
Nnipa awo ne 'nyin mu.
[V2]
Kųropɔn a nnipa hyɛ mu ma,
Mm'rika ne ɔbrɛ wiase.
'Nigyede ne 'huhude a
Ͻredi ahim no mu.
Kristo wɔ hɔ, ɔte yɛn mu;
Yehu No nnipadɔm nom'
Kųro mu akɔneaba mu no,
Kristo ne 'nipa biara.
Kųropɔn a nnipa hyɛ mu ma,
Mm'rika ne ɔbrɛ wiase.
'Nigyede ne 'huhude a
Ͻredi ahim no mu.
Kristo wɔ hɔ, ɔte yɛn mu;
Yehu No nnipadɔm nom'
Kųro mu akɔneaba mu no,
Kristo ne 'nipa biara.
[V3]
Onyame nni s'ro akyiri,
ɔne yɛn wɔ 'sase'i so,
Resesa yɛn mu b'ribiara,
Ama yɛanya din papa.
Kristo aky'rɛ kwan biara so,
Onipa nkwa mu anuonyam.
ɔnam N'ahoyie so ky'rɛ sɛ
Nnipa ho hia, wɔsom bo!
Onyame nni s'ro akyiri,
ɔne yɛn wɔ 'sase'i so,
Resesa yɛn mu b'ribiara,
Ama yɛanya din papa.
Kristo aky'rɛ kwan biara so,
Onipa nkwa mu anuonyam.
ɔnam N'ahoyie so ky'rɛ sɛ
Nnipa ho hia, wɔsom bo!