Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #546

Hymn 546 'W'rade Ne M' Hwɛfo

[V1]
'W'rade ne m'Hwɛfo, hwee nhia me
ɔma me da w'ra frɔmm
Adidibea; Ogya me kɔ
Nsu a ɛho dwo ho;
Ogya me kɔ, Ogya me kɔ
Nsu a ɛho dwo ho.

[V2]

ɔde me kra san ba nkwam'bio,
Na ɔma me nante,
Wɔ ne trenee akwan no so
N'ankasa din no nti;
Wɔ ne trenee akwan no so
N'ankasa din no nti;

[V3]

Yiw, sɛ menam 'wu bɔn mu mpō a
Minsuro bɔne bi,
Wo ne m'wɔ hɔ, W'abaa, poma,
Kyekyere me werɛ
Wo ne m'wɔ hɔ, W'abaa, poma,
Kyekyere me werɛ.

[V4]

Woato ɔpon ama me wɔ
M'atamfo no anim,
Wode ngohuam afɔw me t'rim'
Me k'ruwa abu so;
Wode ngohuam afɔw me t'rim'
Me k'ruwa abu so;

[V5]

Yie ne adɔe bedi m'akyi
Me nkwa nna nyinaa mu;
Nyame fie na mede bɛyɛ
Me trabea daa nyinaa
Nyame fie na mede bɛyɛ
Me trabea daa nyinaa

546. 'W'rade Ne M' Hwɛfo

Link copied to clipboard successfully!