Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #104
Hymn 104 Me Hwɛfo Bɛma M'ahiade
[V1]
Me Hwɛfo bɛma m'ahiade,
Yehowa ne Ne din;
Ogyaw me kɔ 'didibea frɔmm
Nsu a ɛho dwo ho.
ɔde me san ba trenee mu
Sɛ mefom N'akwan a;
Ne mmɔb'rɔhun nti, Ogyaw me
Kɔ nokware kwan so.
Me Hwɛfo bɛma m'ahiade,
Yehowa ne Ne din;
Ogyaw me kɔ 'didibea frɔmm
Nsu a ɛho dwo ho.
ɔde me san ba trenee mu
Sɛ mefom N'akwan a;
Ne mmɔb'rɔhun nti, Ogyaw me
Kɔ nokware kwan so.
[V2]
Sɛ menam 'wu sunsuma mų a
Woka me ho wɔ hɔ;
Wo home mu asɛm biako
Pam me suro nyinaa.
Wode Wo nsa siesie ɔpon
Ma me, m'atamfō anim;
Me nhy'ra k'ruwa yɛ ma bu so,
Wode ngo fɔ me t'rim.
Sɛ menam 'wu sunsuma mų a
Woka me ho wɔ hɔ;
Wo home mu asɛm biako
Pam me suro nyinaa.
Wode Wo nsa siesie ɔpon
Ma me, m'atamfō anim;
Me nhy'ra k'ruwa yɛ ma bu so,
Wode ngo fɔ me t'rim.
[V3]
Nnepá a me Nyame asiesie
Di m'akyi, me nna ny'naa;
O' ma Wo fie nyɛ me atrae,
Na minyi W'ayɛ daa.
Ͻhɔ na menya home pa
B'rč a 'binom kɔ ba no;
Merenyɛ ɔhɔho bi bio,
Na mmom sɛ 'ba wɔ fie.
Nnepá a me Nyame asiesie
Di m'akyi, me nna ny'naa;
O' ma Wo fie nyɛ me atrae,
Na minyi W'ayɛ daa.
Ͻhɔ na menya home pa
B'rč a 'binom kɔ ba no;
Merenyɛ ɔhɔho bi bio,
Na mmom sɛ 'ba wɔ fie.