Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #537

Hymn 537 ɔky'rɛ Me Kwan! Anigyesɛm

[V1]
ɔky'rɛ me kwan! Anigyesɛm!
O, nsɛm a soro dɛw wɔ mu!
Nea meyɛ ne nea mekɔ ny'naa,
Nyame nsa da so ky'rɛ me kwan.

**Nnyeso**
ɔky'rɛ me kwan, ɔky'rɛ me kwan,
N'ankasa nsa n'ɛky'rɛ me kwan;
Mɛyɛ Ne kyidifo ampa,
'Fisɛ Nyame nsa ky'rɛ me kwan.

[V2]

Tɔ da bi a, sum kabii mu,
Tɔ da bi a, Eden nhw'ren mu;
Nsu tɛm dinn oo, ahum tu oo,
Ne nsa no da so ky'rɛ me kwan.

[V3]

'Wura mɛsɔ Wo nsa no mu,
Na merennwiinwii, nni nkɔmmɔ;
Mɛyɛ komm ade nyinaa mu,
'Fisɛ Nyame nsa ky'rɛ me kwan.

[V4]

Sɛ miwie me fam' ha 'dwuma,
Sɛ Wo dom nti midi nkonim
Owu nsam mpo, merensuro,
Yordan mu, Nyame ky'rɛ me kwan.

537. ɔky'rɛ Me Kwan! Anigyesɛm

Link copied to clipboard successfully!