Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #538

Hymn 538 O Yehowa Tumfo, Gya Me

[V1]
O Yehowa tumfo, gya me
Kwantuni wɔ sare so;
Meyɛ mm'rɛw, na Woyɛ tumfo,
Kura me Wo tumi nsam'
Soro aduan', soro aduan'
Yɛn me kosi sɛ mɛmee
Yɛn me kosi sɛ mɛmee.

[V2]

Bue nsu aniwa hyɛnhyɛn no,
Nea yaresa nsu fi no;
Ma ogya ne munumkum dum
Nnya me m'akwantu nyinaam';
'Gyefo tumfo, 'Gyefo tumfo,
Yɛ m'ahoɔden ne me kyɛm
Yɛ m'ahoɔden ne me kyɛm.

[V3]

Sɛ midu Yordan sukɔn sō a
Ma me suro nyinaa nkɔ;
Fa me twa nsu a ay'ri no
Fa me kodu Kanaan dwoo;
Ayeyi nnwom, ayeyi nnwom
Na mɛto ama Wo daa;
Na mɛto ama Wo daa.

538. O Yehowa Tumfo, Gya Me

Link copied to clipboard successfully!