Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #612
Hymn 612 Me Kra, Nyan, Bɔ Mmɔden Biara
[V1]
Kristo nsraafo, monkɔ Sɛnea mokɔ sa,
Yesu asɛnnua no Momfa nni anim.
ɔsahen' Kristo di Yɛn anim tia dɔm;
Monkɔ akonim hɔ, Ne frankaa rekɔ.
**Nnyeso**
Kristo nsraafo, monkɔ Sɛnea mokɔ sa;
Yesu asɛnnua no Momfa nni anim.
Kristo nsraafo, monkɔ Sɛnea mokɔ sa,
Yesu asɛnnua no Momfa nni anim.
ɔsahen' Kristo di Yɛn anim tia dɔm;
Monkɔ akonim hɔ, Ne frankaa rekɔ.
**Nnyeso**
Kristo nsraafo, monkɔ Sɛnea mokɔ sa;
Yesu asɛnnua no Momfa nni anim.
[V2]
Nyame asafo no, Kɔ sɛ dɔm kɛse;
Kristofo, yɛnenam Nea treneefo fae;
Mpaapaemu nni yɛn mu, na yɛyɛ biako,
Biako wɔ asɛnkam', 'nidasom' ne dɔm.
Nyame asafo no, Kɔ sɛ dɔm kɛse;
Kristofo, yɛnenam Nea treneefo fae;
Mpaapaemu nni yɛn mu, na yɛyɛ biako,
Biako wɔ asɛnkam', 'nidasom' ne dɔm.
[V3]
Nhenkyɛw, nhengua asɛe, 'Henni hwe ase,
Yesu asafo de Ebetim hɔ daa;
Asaman apon mpo Remmu mfa so da;
Yɛwɔ Kristo bɔhyɛ a enni huammɔ.
Nhenkyɛw, nhengua asɛe, 'Henni hwe ase,
Yesu asafo de Ebetim hɔ daa;
Asaman apon mpo Remmu mfa so da;
Yɛwɔ Kristo bɔhyɛ a enni huammɔ.
[V4]
Yaanom, monkɔ anim, Momfra yɛn kuw yim',
Mo ne yɛn nyinaa mmom Nto nkonimdi dwom;
Anuonyam ne 'nidi Nka ɔhen Kristo,
Eyi na abɔfo Ne nnipa to daa.
Yaanom, monkɔ anim, Momfra yɛn kuw yim',
Mo ne yɛn nyinaa mmom Nto nkonimdi dwom;
Anuonyam ne 'nidi Nka ɔhen Kristo,
Eyi na abɔfo Ne nnipa to daa.