Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #618

Hymn 618 Monsɔr' Nnyina Mma Yesu!

[V1]
Monsɔr' nnyina mma Yesu!
Asɛnnua ho nsraafo;
Momma Ne frankaa no so,
Ͻnsɛ sɛ ɛyera;
'Fi nim mu kɔ nkonim mu,
Obedi N' dɔm anim
Kosi sɛ 'tamfo agu,
Na Kristo ne 'Wura.

[V2]

Monsɔr' nnyina mma Yesu!
Munti t'robɛnto nne;
Monkɔ ko kɛsen' anim
N'anuonyam da yi mu.
Mo mmarima, monsom No,
Nko ntia 'tamfo dɔm pii
Nnya kokod'ru amanem',
Momfa ahoɔden nko.

[V3]

Monsɔr' nnyina mma Yesu!
N'ahoɔden no mu nko;
'Honam bedi mo huammɔ
Muntwer' mo ankasa.
Monhyɛ 'sɛmpa akode,
Monwɛn wɔ mpaebɔ mu;
ɔsom mų oo, amane mų oo,
Monnan mō akyi nky'rɛ da.

[V4]

Monsɔr' nnyina mma Yesu!
ɔko no renkyɛ pii,
Ͻnnɛ ɔko gyegyeegye,
ɔkyena nkonim no
Nea odi mu nkonim no
Benya nkwa abot'ri,
Na ɔne 'nuonyam Hen' no
Bedi ahen' daa daa.

618. Monsɔr' Nnyina Mma Yesu!

Link copied to clipboard successfully!