Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #611

Hymn 611 Me Kra, Nyan, Bɔ Mmɔden Biara

[V1]
Me kra, nyan bɔ mmɔden biara,
Kɔ w'anim hoɔden so'
S'ro mm'rikatu hia mmɔdenbɔ
Ne 'henkyɛw a ɛnsɛe.

[V2]

Ͻyɛ Nyame nne a nkwa wom'
Na efi s'ro frɛ wo;
Ne nsa na ɛde 'katua no
Ky'rɛ 'nidaso 'niwa.

[V3]

Adansefo mununkum no
Ani tua nea woyɛ;
Ma wo w'rɛ mfi 'nammɔn dedaw,
Na kɔ w'anim ara.

[V4]

Agyenkwa pa, Woadi yɛn kan
Yɛn mm'rika no mfiase;
Yɛde yɛn nkonimdi bo no
Begu Wo nan ase.

611. Me Kra, Nyan, Bɔ Mmɔden Biara

Link copied to clipboard successfully!