Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #616
Hymn 616 Kristo Nsraafo Monsɔr'!
[V1]
Kristo nsraafo' monsɔr'!
Monhyɛ mo akode!
Monyɛ den tum' a Nyame nam
Ne Ba no so ma nom',
Asafo Yehowa Ahoɔden kɛse no;
Nea ɔtwer' Yesu 'hoɔden no,
ɔsen nkonimdifo.
Kristo nsraafo' monsɔr'!
Monhyɛ mo akode!
Monyɛ den tum' a Nyame nam
Ne Ba no so ma nom',
Asafo Yehowa Ahoɔden kɛse no;
Nea ɔtwer' Yesu 'hoɔden no,
ɔsen nkonimdifo.
[V2]
Momfa N'ahoɔden no
Nnyina Ne tumi mu;
Momfa Nyame akode no
Nhyehyɛ mma mo ko no;
Sɛ moyɛ ne ny'naa wie,
Na 'p'rep're no twam a,
Monam Kristo so adi nim,
Na moawie pɛyɛ nso.
Momfa N'ahoɔden no
Nnyina Ne tumi mu;
Momfa Nyame akode no
Nhyehyɛ mma mo ko no;
Sɛ moyɛ ne ny'naa wie,
Na 'p'rep're no twam a,
Monam Kristo so adi nim,
Na moawie pɛyɛ nso.
[V3]
Monkɔ so 'hoɔden mu;
Momp're, monko, mmɔ mpae;
Montiatia esum tumi so
Na munni nkonim no.
Ma Honhom no nteɛm mfa
'Sraafo nom' sɛ: \"Mommra!\"
Kosi sɛ 'W'ra Kristo bɛfa
Nkonimfo akɔ fie.
Monkɔ so 'hoɔden mu;
Momp're, monko, mmɔ mpae;
Montiatia esum tumi so
Na munni nkonim no.
Ma Honhom no nteɛm mfa
'Sraafo nom' sɛ: \"Mommra!\"
Kosi sɛ 'W'ra Kristo bɛfa
Nkonimfo akɔ fie.