Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #50

Hymn 50 Wo Ne Me Ntra

[V1]
Wo ne me ntra, onwini redwo ntɛm,
Esum red'ru, 'Wura, Wo ne me ntra;
Sɛ boafo sa, na 'w'rɛkyekye tu kɔ a,
Mmɔb'rɔfo boafo, O, Wo ne me ntra.

[V2]

Nɔkwa da ketewa yi retwam ntɛm,
Ha dɛw resa, n'anuonyam retwam kɔ,
Nsakrae ne p'rɔe na mihu baabiara;
O, Wo a Wonsakra, Wo ne me ntra.

[V3]

Mihia Wo wɔ dɔnhwere biara mu,
Wo dom na etum' di bonsam so nim,
Hena n' ɔbɛyɛ me wɛmfo sɛ Wo,
Munumkum ne awiam', Wo ne me ntra.

[V4]

Sɛ Woka me ho a minsuro dɔm, nwene,
Haw mu nyɛ d'ru, na nusu nyɛ
'Wu nwowɔe, asaman nkonim wɔ he?
Mɛkɔ so adi nim, Wo ne me ntra.

50. Wo Ne Me Ntra

Link copied to clipboard successfully!