Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #51
Hymn 51 Ade Resa Wɔ Atɔe
[V1]
Ade resa wɔ atɔe,
ɔhome fi s'ro reba;
Twɛn na som, b're a 'nadwo
Akanea repuepue wim
Mmaa nyinaa yi.
**Nnyeso**
Kronkron, kronkron, kronkron
Otweaduampɔn!
Woahyɛ s'ro ne 'sase ma
S'ro ne fam reyi W'ayɛ,
ɔs'ros'roni!
Ade resa wɔ atɔe,
ɔhome fi s'ro reba;
Twɛn na som, b're a 'nadwo
Akanea repuepue wim
Mmaa nyinaa yi.
**Nnyeso**
Kronkron, kronkron, kronkron
Otweaduampɔn!
Woahyɛ s'ro ne 'sase ma
S'ro ne fam reyi W'ayɛ,
ɔs'ros'roni!
[V2]
Nkwa Wura, soro ase
Nyinaa yɛ W'ankasa fi.
Boa yɛn a yɛhwehwɛ Wo
Ano kɔ Wo nguankuw mu,
'Fisɛ Wobɛn.
Nkwa Wura, soro ase
Nyinaa yɛ W'ankasa fi.
Boa yɛn a yɛhwehwɛ Wo
Ano kɔ Wo nguankuw mu,
'Fisɛ Wobɛn.
[V3]
B're a esum red'ru yi,
Fa yɛn hyɛ Wo dɔ kokom;
Yɛn koma nam W'anuonyam
Nkatanim nsoromma so,
Foro ɔs'ro.
B're a esum red'ru yi,
Fa yɛn hyɛ Wo dɔ kokom;
Yɛn koma nam W'anuonyam
Nkatanim nsoromma so,
Foro ɔs'ro.
[V4]
B're a 'dekyee ne 'nadwo
Twam fi yɛn ani so no,
Abɔfo Wura, ma yɛn
Ani nhu daa anɔpa
Na 'sum to ntwa.
B're a 'dekyee ne 'nadwo
Twam fi yɛn ani so no,
Abɔfo Wura, ma yɛn
Ani nhu daa anɔpa
Na 'sum to ntwa.