Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #49

Hymn 49 'Gyenkwa, Hy'ra Yɛn Anwumm're Yi

[V1]
'Gyenkwa, hy'ra yɛn anwumm're yi,
Ansa na yɛakɔdeda;
Yɛka yɛn bɔne kyerɛ W;
Wutum' sa yare, gye nkwa.

[V2]

Sɛ sum d'ru kabii yi hu a,
Esum ntum' mfa Wo nhinta;
Wone Nea ɔmm'rɛ da no nti,
Wowɛn Wo mma baabiara.

[V3]

Sɛ ɔsɛe mpo twa yɛn ho hyia,
Na agyan tu framfram a,
W'abɔfo 'wɛmfo no wɛn yɛn,
Sɛ Wobɛn a, yenya nkwa.

[V4]

Sɛ owu bɛfa yɛn mpof'rim'
Na yɛn mpa yɛ asiei a,
Ma yenyan 'nuonyam 'nɔpa no
Wɔ tebeā a owu nnim mu.

49. 'Gyenkwa, Hy'ra Yɛn Anwumm're Yi

Link copied to clipboard successfully!