Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #617

Hymn 617 Yɛte Ase, Yɛte Nkwa Mu

[V1]
Yɛte ase, yɛte nkwa mu,
Bere a ɛyɛ hu mu,
Mm'rɛ mu bere a asetra
Ayɛ dadwen kɛse yi.
Tie, amanaman resɔre,
Gog ne Magog kɔ sɛe mu;
Tie, dɛn ni? Abɔde nyinaa
Si apini kɔ n'awiei?

[V2]

Kristoni, boa wo ho kɔko,
Hyɛw' ho den kɔ akonim;
Hyɛ nkwagye dadekyɛw no na
Fa 'sɛmpa kyɛm no kura;
Fa asomdwoe nkatabo no,
Kura honhom mu nkrantɛ;
Kɔ w'anim akokod'ru mu
Wɔ Yehowa 'hoɔden mu.

[V3]

Na ahonhommɔne hen' no,
Wiase daadaafo kɛsen',
Nea b're bi otuu Yesu a
Wɔahy'ra No no so sa no,
De ahoɔden nwanwaso ba
'Fisɛ ne b're rebā awiei
Ama wɔde ahenni no
Ama asomdwoe Hen' no.

[V4]

'Kristoni sɔr', ko ɔko no;
Ko kodu nkonimdi mu;
Kosi sɛ wo Sahen' teɛm sɛ
\"'W'rade akoa, mo ne yɔ\"
Nea odi nokwar' na ɔtram'
Kosi awiei no nkutoo,
Benya bɔhyɛ atra ase
Ahenni no mu daapem.

617. Yɛte Ase, Yɛte Nkwa Mu

Link copied to clipboard successfully!