Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #524

Hymn 524 Eye Sɛ Metwere Yesu

[V1]
Eye sɛ metwere Yesu,
Na megye N'asɛm no di,
Na mehwɛ Ne bɔhyɛ no kwan
Na mihu nea Nyame se.

**Nnyeso**
Yesu, Yesu metwere No,
Masɔ No mahwɛ mpɛn pii!
Yesu, Yesu a ɔsom bo,
Manya dom matwere No!

[V2]

Eye sɛ metwere Yesu,
M'ani da Ne mogya so;
ɔnam gyidi so de me hyɛ
Mogya a ɛtew ho nom'.

[V3]

Eyč ampa sɛ metwer' Yesu
Gyaw bɔne ne ahopɛ;
Na megye nkwa, home, 'nigye,
Ne 'somdwoe fi Yesu hɔ.

[V4]

Eye sɛ metwere Yesu,
Yesu pa, gyefo, Yɔnko;
Minim yie sɛ Woka me ho,
Na Wobɛka me ho daa.

524. Eye Sɛ Metwere Yesu

Link copied to clipboard successfully!