Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #590

Hymn 590 Yɛne Nyame Nantew

[V1]
Yɛne Nyame nantew N'asɛm no hann mu a
N'anuonyam no hyerɛn yɛn kwan so;
Sɛ yɛyɛ Ne pɛ a, ɔne yɛn bɛtra daa,
Ne wɔn a wobetie No nyinaa.

**Nnyeso**
Twer' No, tie No, Na 'hotɔ bi nni
Yesu mu sen sɛ Wobɛtwer' No, na woatie No.

[V2]

Esum bi rensɔre, Munumkum bi rensi,
Mmom N'animtew bɛpa na nyinaa;
Akyinnye ne ehu, Apini ne nusu,
Remma, sɛ yetwer' No tie No a.

[V3]

Yɛrensoa nneɛma kwa, Yɛn werɛ renhow kwa,
Na mmom Obetua yɛn so ka pa;
Sɛ amane mu oo, Sɛ abufuw mu oo,
Yetie No a Obehyira yɛn.

[V4]

Na yɛrentumi nnya Ne dɔ mu anika
Kosi sɛ yɛbɛgyae ne nyinaam';
Ne dom a ɔkyerɛ, 'Nigye a ɔde ma,
Yɛ wɔn a wɔtwer' No, tie No de.

[V5]

Ayɔnkofa pa mu, Yɛbɛtra N'anim hɔ,
Anaasɛ yɛbɛnantew Ne nkyɛn;
Yɛbɛyɛ nea ɔse, Na yɛakɔ Ne soma;
Yerensuro, na yɛbetie No.

590. Yɛne Nyame Nantew

Link copied to clipboard successfully!