Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #37

Hymn 37 Me Kra Kamfo Wo Yɛfo No

[V1]
Me kra kamfo wo Yɛfo no
Nnwom a ɛf'ro kɔ s'ro mu;
Nea Ne dɔ de s'ro akyɛde
Ahyɛ wo nna ny'naa ma no.
Mehwehwɛɛ No, Otiee me su;
N'abɔfo kronkron bɔ nsraban
Wɔn a wɔdɔ No no ho.

[V2]

Awurade yɛ ma wɔn a
Wɔhwehwɛ No 'w'rɛhowb'rem';
ɔkyekye mmɔb'rɔfo werɛ.
Ma yɛn da biara mu 'dom.
'W'rɛhow tra hɔ 'nadwo ny'naa a
'Dekyee bepue dɛw ne hann mu
De nhy'ra fi N'anim aba.

[V3]

ɔbɛdan N'ani brɛoo aky'rɛ
'Manehunfō a wɔbɛn No;
Ne dɔ 'yamye to rentwa mma
Wɔn a wɔtwer' No sųro No.
Yɛn Nyankopɔn rennyaw Ne de;
Ne s'ro agua no tim hɔ daa;
N'ahenni begyina daa.

37. Me Kra Kamfo Wo Yɛfo No

Link copied to clipboard successfully!