Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #439
Hymn 439 Mibisae Sɛ: Ha Ne Fie War'?
[V1]
Mibisae sɛ: Ha ne fie war'?
ɔwɛmfo no bua see me sɛ:
Anadwo no rekɔ awiei,
Ͻrenkyɛ, 'de bɛkye.
Ͻnde nsu bio, kɔ 'hare so,
'Nidaso ns'romma nky'rɛ wo kwan
Kosi sɛ wubedu hann man
No mu wɔ daa 'dekyeem'.
Mibisae sɛ: Ha ne fie war'?
ɔwɛmfo no bua see me sɛ:
Anadwo no rekɔ awiei,
Ͻrenkyɛ, 'de bɛkye.
Ͻnde nsu bio, kɔ 'hare so,
'Nidaso ns'romma nky'rɛ wo kwan
Kosi sɛ wubedu hann man
No mu wɔ daa 'dekyeem'.
[V2]
Mibisaa ɔkofo no nso;
Na ne nkuranhyɛ dwom ne sɛ:
Mɛso afoa no mu 'boɔd'rum',
ɔko no renkyɛ pii.
Ͻnde nsu bio, gyina pintinn
Wɔ 'ko no my kosi awiei;
Yenim sɛ yedi nkonim a
'Katua da hɔ ma yɛn.
Mibisaa ɔkofo no nso;
Na ne nkuranhyɛ dwom ne sɛ:
Mɛso afoa no mu 'boɔd'rum',
ɔko no renkyɛ pii.
Ͻnde nsu bio, gyina pintinn
Wɔ 'ko no my kosi awiei;
Yenim sɛ yedi nkonim a
'Katua da hɔ ma yɛn.
[V3]
Mibisaa bio, 'sase ne po
Ne owia de nne k'ro buaa sɛ:
Mm're no rekɔ awiei ntɛm so,
Daa nkwa abɛn pa'ra.
Ͻnde nsu bio, kɔkɔbɔ ni,
Sɛnky'rɛnne horow da adi;
'Bɔde si apini twɛn sɛ
T'robɛnto no bebom.
Mibisaa bio, 'sase ne po
Ne owia de nne k'ro buaa sɛ:
Mm're no rekɔ awiei ntɛm so,
Daa nkwa abɛn pa'ra.
Ͻnde nsu bio, kɔkɔbɔ ni,
Sɛnky'rɛnne horow da adi;
'Bɔde si apini twɛn sɛ
T'robɛnto no bebom.