Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #432
Hymn 432 So Yebehyiam Asu No So
[V1]
So yebehyiam asu no so,
Nea abɔfo atiatia;
Asu k'ronnyen a ɛsen daa
Fi Nyame 'hengua mu no?
**Nnyeso**
Yiw, yebehyiam asu no so,
Asu fɛfɛ, asu fɛfɛ no a
Efi Nyame 'henguam sen no,
Yɛne 'hotefo behyiam
So yebehyiam asu no so,
Nea abɔfo atiatia;
Asu k'ronnyen a ɛsen daa
Fi Nyame 'hengua mu no?
**Nnyeso**
Yiw, yebehyiam asu no so,
Asu fɛfɛ, asu fɛfɛ no a
Efi Nyame 'henguam sen no,
Yɛne 'hotefo behyiam
[V2]
Asu fɛfɛ no ano hɔ,
Nea ne nsu sen hyɛnhyɛn no;
Yɛbɛnante hɔ asom daa
Wɔ ahotɔ da no mu.
Asu fɛfɛ no ano hɔ,
Nea ne nsu sen hyɛnhyɛn no;
Yɛbɛnante hɔ asom daa
Wɔ ahotɔ da no mu.
[V3]
Momma yɛnto yɛn nnesosa ngu,
Ansa na yɛadu s'ro hɔ;
Yɛn honhom no benya ɔdom,
Ma yɛanya ntade ne kyɛw.
Momma yɛnto yɛn nnesosa ngu,
Ansa na yɛadu s'ro hɔ;
Yɛn honhom no benya ɔdom,
Ma yɛanya ntade ne kyɛw.
[V4]
Ͻrenkyɛ na yebedu hɔ,
Akwantu yi to betwa;
Awɔse bɛka yɛn koma,
ɔdɛw asomdwoe nnwom mu.
Ͻrenkyɛ na yebedu hɔ,
Akwantu yi to betwa;
Awɔse bɛka yɛn koma,
ɔdɛw asomdwoe nnwom mu.