Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #18

Hymn 18 O, 'Nɔpa Ns'romma a Wohy'rɛn

[V1]
O, 'nɔpa ns'romma a Wohy'rɛn
Wɔ Nyame nokwar' ne hann mu!
Wode mmɔborɔhun' hy'rɛn!
Yakob aseni, Dawid Ba,
Yɛn Awurade, Woaka yɛn
Koma sɛ yɛnsom Wō ara!
ɔdwo, Kronkron! tumi 'nuonyam,
Nkonim wɔ Wo, Woma nhyira
Wo na tumi ny'naa wɔ Wo nsam.

[V2]

W'ra, sɛ Wode dɔ hwɛ yɛn a,
Ahotɔ fi Nyamč anim s'ro
Sian ba yɛn so ntɛm ara.
W'Asɛm, Honhom, honam, mogya,
De s'ro aduan dwudwo yɛn kra.
Wone yɛn agyapade!
W'ahummɔbr'ɔ mmɛkanyan yɛn;
O twi bɛn yɛn! Yɛn ky'rɛky'rɛfo,
S'ro dɔ nam Wo sō aba yɛn so.

[V3]

Agya Tumfo, Wo Ba no mu
Wodɔɔ yɛn b're a 'sase yi,
Wonnya ntoo ne fapem no!
Wo Ba no de dɔ apɔn yɛn
Sɛ yɛntra Ne mu ha ne s'ro:
'Yi ne Wo nkwagye kɛse n'
Haleluya! ɔteasefo
Kristo no ama yɛn daa nkwa,
Na ɔrenni yɛn huammɔ da.

[V4]

O ma nsanku mma wɔn nne so!
Na dwom nkyerɛ yɛn ah'rusi,
B'rč a yɛn nne gyigye wom no,
'Fisɛ Kristo ka yɛn ho daa,
Ͻnnɛ, ɔkyena, da biara!
Ne dɔ no to rentwa da.
Monto dwom den, ahosɛpɛm',
Ahurusi! Monka 'sɛm no!
Anuonyam Hen' no yɛ kɛse.

18. O, 'Nɔpa Ns'romma a Wohy'rɛn

Link copied to clipboard successfully!