Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #433

Hymn 433 ɔpedu Ah'row Mpem Du

[V1]
ɔpedu ah'row mpem du,
Hyɛ ntade a ɛhy'rɛn;
'Hotefo a wɔagye wɔn no
Nam hann apon no mu;
Wɔawie, ne nyinaa asa,
Wɔadi bɔn' ne 'wu so;
Mummuebue sika 'pon mu mma
Nkokimfo no nhyɛn mu.

[V2]

Haleluya horow hyɛ
Asase ne wim ma!
Asanku mpempem nne team ka
Nkonim no wɔ wim;
O, da a wɔbɔɔ ade
Ne ne mmusuakuw ny'naa!
Dɛw aba, ne kan mmusu ny'naa,
Wɔatua ne ka awie.

[V3]

O, wɔde dɛw bɛkyeakyea
Wɔ Kanaan mpoano hɔ!
Nnamfō a wɔadi ntetew'm behyiam;
'Wu 'ntetew wɔn ntam bio;
'Niwa a nusu ahyɛ
Ma no de dɛw bɛhy'rɛn
Nyisiaa nni hɔ, saa ara na
'Kunafo renni yaw.

[V4]

Fa Wo nkwagye kɛse n' bra,
'Guammaā a wokum Wo no!
Frɛ wɔn a Woapaw wɔn ny'naa na
Fa Wo tumi di hen;
Bra, aman Ahwehwɛde
Wo nk'rɔfo afe fie;
MaW' bɔhyɛ sɛnky'renne mpue wim,
Bra, ɔhen', Agyenkwa!

433. ɔpedu Ah'row Mpem Du

Link copied to clipboard successfully!