Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #196

Hymn 196 Ka Tetesɛm No Ky'rɛ Me

[V1]
Ka tetesɛm no ky'rɛ me,
Soro nneɛmā a wonhu,
Yesu ne N'anuoyam no,
Yesu ne Ne dɔ no,
Ka no tiatiatia sɛnea
Wɔka ky'rɛ abofra;
Efisɛ meyɛ mmerɛw,
Na me ho agu fi.

**Nnyeso**
Ka tetesɛm no ky'rɛ me,
Ka tetesɛm no ky'rɛ me,
Ka tetesɛm no ky'rɛ me,
Yesu ne Ne dɔ no.

[V2]

Ka asɛm no brɛoo ky'rɛ me,
Nnč a ano yɛ nnam mu,;
Kae sɛ mene bɔn'yɛfō a
Yesu bɛgyee me nkwa.
Ka tetesɛm no daa daa
Sɛ ɛyɛ nokwar' sɛ,
Ahohia b're biara mu
Wone m'aw'rɛkyekye.

[V3]

Ka tetesɛm no ky'rɛ me,
B're a wusuro sɛ,
Wiase anuonyam hunu'I
Bo yɛ den ma me no;
Yiw, sɛ wiase anuonyam
Refa me kra yi a,
Ka tetesɛm no ky'rɛ me
Sɛ 'Kristo bɛgye wo'.

196. Ka Tetesɛm No Ky'rɛ Me

Link copied to clipboard successfully!