Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #186
Hymn 186 Mahu Yɔnko
[V1]
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Odii kan dɔɔ me ansa;
ɔde ɔdɔ hama twee me,
De me kyekyeree No ho,
Wakyeky're me koma den a,
Ͻpɔw no rentum' nsan da;
Meyɛ Ne de, n'ɔyɛ me de,
Kosi daa ne afebɔɔ.
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Odii kan dɔɔ me ansa;
ɔde ɔdɔ hama twee me,
De me kyekyeree No ho,
Wakyeky're me koma den a,
Ͻpɔw no rentum' nsan da;
Meyɛ Ne de, n'ɔyɛ me de,
Kosi daa ne afebɔɔ.
[V2]
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Ohwiee mogya, wu gyee me;
Nyɛ nkwa ho akyɛde no nko,
ɔde Ne ho nso maa me;
Memfrɛ b'ribiara sɛ me de,
Na mmom ɔdɛɛfo no de;
M'ahoɔden, koma, ne me nkwa
Yɛ Ne de, Ne de daa daa.
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Ohwiee mogya, wu gyee me;
Nyɛ nkwa ho akyɛde no nko,
ɔde Ne ho nso maa me;
Memfrɛ b'ribiara sɛ me de,
Na mmom ɔdɛɛfo no de;
M'ahoɔden, koma, ne me nkwa
Yɛ Ne de, Ne de daa daa.
[V3]
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Wɔde tum' ny'naa ama No;
S'ɔmfa nwɛn me m'akwantu yim'
Mfa me nkodu s'ro dwoodwoo;
Daa 'nuonyam no hyerɛn nohoa,
Hyɛ me mmɔden mm'rɛw no den;
Seesei merewɛn! Mereko,
Na aky'ri mahome daa.
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
Wɔde tum' ny'naa ama No;
S'ɔmfa nwɛn me m'akwantu yim'
Mfa me nkodu s'ro dwoodwoo;
Daa 'nuonyam no hyerɛn nohoa,
Hyɛ me mmɔden mm'rɛw no den;
Seesei merewɛn! Mereko,
Na aky'ri mahome daa.
[V4]
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
ɔdɛɛfo ne nokwāfo,
ɔfotufo pa Kwanky'rɛfo,
ɔgyefo, Tumfo kɛse;
Dɛn n'ebetumi atetew
Me ne me dɔfo no ntam?
Nkwa? Owu? Asaman ana?
Dabi; meyɛ Ne de daa.
Mahu Yɔnko, O Yɔnko bi,
ɔdɛɛfo ne nokwāfo,
ɔfotufo pa Kwanky'rɛfo,
ɔgyefo, Tumfo kɛse;
Dɛn n'ebetumi atetew
Me ne me dɔfo no ntam?
Nkwa? Owu? Asaman ana?
Dabi; meyɛ Ne de daa.