Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #185

Hymn 185 Yesu Ne Me Wiase Nyinaa

[V1]
Yesu ne me wiase nyinaa,
Me nkwa m'ade nyinaa,
ɔne me daa daa ahoɔden;
Migyaw Nō a mehwč ase
Me w'rɛ how a, mekɔ Ne nkyɛn,
Obi nkyekye me werɛ saa;
Me w'rɛ how a ɔgye m'ani, M'adamfo.

[V2]

Yesu ne me wiase nyinaa,
Me sɔhwɛ mu yɔnko,
Mekɔsrɛ Ne hɔ nɔhyira,
ɔma ma ebu so;
ɔde awia ne nɔsu ma,
ɔde awi nnɔbae nso ma;
Awia, nɔsu, awi nnɔbae, M'adamfo.

[V3]

Yesu ne me wiase nyinaa
Medi No nokware;
O, mɛyɛ dɛn apo Damfo'i,
B're a Odim' nokwar yi?
Midi N'akyi a, eye ma me,
ɔwɛn me awia ne 'nadwo;
Midi N'akyi 'wia ne 'nadwo, M'adamfo.

[V4]

Yesu ne me wiase nyinaa,
Mempɛ yɔnko biara;
Metwer' No nnɛ, na mɛtwer' No,
B're a nkwa nna'I betwam;
Me ne Damfo'i tra bɛyɛ fɛ;
Nɔkwa a ɛto rentwa da,
Daapem nɔkwa, daa anigye, M'adamfo.

185. Yesu Ne Me Wiase Nyinaa

Link copied to clipboard successfully!