Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #187
Hymn 187 Yesu, Nnebɔn'yɛfo Yɔnko
[V1]
Yesu, nnebɔn'yɛfo Yɔnko,
Yesu, me kra Dɔfo pa;
Nnamfo pow na 'tamfo haw mč a
'Gyenkwa no ne me Gyefo.
**Nnyeso**
Haleluya! ɔgyefo ni!
Haleluya! Yɔnko ni!
ɔgye me, boa me, dɔ me daa
ɔka me ho kosė awiei.
Yesu, nnebɔn'yɛfo Yɔnko,
Yesu, me kra Dɔfo pa;
Nnamfo pow na 'tamfo haw mč a
'Gyenkwa no ne me Gyefo.
**Nnyeso**
Haleluya! ɔgyefo ni!
Haleluya! Yɔnko ni!
ɔgye me, boa me, dɔ me daa
ɔka me ho kosė awiei.
[V2]
Yesu, mm'rɛwyɛ mu Ahoɔden,
Ma mimmehinta Ne mu;
Mehwe ase sɔhwɛ mu a,
ɔne me nkonimdifo.
Yesu, mm'rɛwyɛ mu Ahoɔden,
Ma mimmehinta Ne mu;
Mehwe ase sɔhwɛ mu a,
ɔne me nkonimdifo.
[V3]
Yesu, aw'rɛhow mu Boafo,
Sɛ asorɔkye bɔ me,
Na me koma tɔ baha a,
ɔkyekye me kra werɛ.
Yesu, aw'rɛhow mu Boafo,
Sɛ asorɔkye bɔ me,
Na me koma tɔ baha a,
ɔkyekye me kra werɛ.
[V4]
Yesu, mayɛ No me de nnɛ,
Nea mihia ny'naa wɔ Ne mu;
ɔde me bɔne akyɛ me,
ɔwɔ me, na mewɔ No.
Yesu, mayɛ No me de nnɛ,
Nea mihia ny'naa wɔ Ne mu;
ɔde me bɔne akyɛ me,
ɔwɔ me, na mewɔ No.