Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #731

Hymn 731 N36 Who Is On The Lord's Side

[V1]
Hena wɔ ‘Wura fa? Hena bεsom No?
Henanom bεboa No Akɔgye akra?
Hena begyaw wiase Atia tamfo no?
Hena wɔ ‘Wura ‘fa Somafo wɔ he?
Wo mmɔ b'rɔhun' frε nti, Wo s'ro dom no nti,
Yεdɔm Awurade – Gyefo, yεwɔ Wo.

[V2]

‘Nyε anuonyam kεse, anaa ahenkyεw
Nti na yεkɔ sa no, To akodwom no;
N'εyε ‘dɔ a εfrε Kra a ‘nti Owui:
Nea Kristo frɔ no no, sε N'afa gyina.
Wo dɔ no hyε yεn nti, Wo s'ro dom no nti,
Yεdɔm Awurade – Gyefo, yεwɔ Wo.

[V3]

Yesu Woatɔ yεn de yεn ayε ‘henkyεw,
Woamfa sikaa anaa Bota n'εtɔɔ yεn,
Mmom W'ankasa mogya! Wode Wo nhy'ra ma
Nea ɔba Wo n-kyεn Benya ‘hofadi.
Wo nkwagye kεse nti, Wo s'ro dom no nti,
Yεdɔm Awurade – Gyefo, yεwɔ Wo.

[V4]

Ɔko no mu yε den, Tamfon' ho yε hu,
Nso ɔhen' no dɔm de, obi nni so da.
Yehyia Ne frankaa ho~a nkonimdi di mu!
Ne nokwar' nsesa nti, nkonim no y'ampa.
Yεde ‘nigye ba nti, Wo s'ro dom no nti,
Yεdɔm Awurade – Gyefo, yεwɔ Wo.

731. N36 Who Is On The Lord's Side

Link copied to clipboard successfully!