Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #730

Hymn 730 N35 Yesu Wɔ Adwuma

[V1]
Yesu wɔ adwuma da w'anim seesei;
Dwuma a ‘Wura no ahyehyε ama w';
Yε ntεm yε N'ahyεde, som No nokwarem',
Yesu wɔ adwuma wo na wobεyε.

**Nnyeso**
Yε ‘dwuma daa ma Yesu,
Som No daa daa, n-hintiw da, tie Kristo;
Som No dɔ ne nokware m',
Yesu wɔ adwuma,
Wo na wobεyε.

[V2]

Yesu wɔ adwuma, ahobrεasede,
‘Yi ne adwuma a ɔpε sɔ woyε,
Kɔ nea nnɔbae ahoa, na apaafo sua
Yesu wɔ adwuma wo na wobεyε.

[V3]

Yesu wɔ adwuma kɔgye akra bra,
Ka Ne dom no ky'rε wɔn,
Ky'rε wεn wo Hene;
M-pa~ara da, ɔbεhyε wo den;
Yesu wɔ adwuma wo na wobεyε.

730. N35 Yesu Wɔ Adwuma

Link copied to clipboard successfully!