Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #31
Hymn 31 Me Kra, Kamfo Aw'rade Kɛseyɛ
[V1]
Me kra, kamfo Aw'rade kɛseyɛ:
Ne nhy'ra pii ma me honhom nya nkanyan;
N'asɛm mu bɔhyɛ ma me ahoɔden;
Me koma, bɔ 'se 'Gyenkwa Nyame mu.
Me kra, kamfo Aw'rade kɛseyɛ:
Ne nhy'ra pii ma me honhom nya nkanyan;
N'asɛm mu bɔhyɛ ma me ahoɔden;
Me koma, bɔ 'se 'Gyenkwa Nyame mu.
[V2]
Me kra, kamfo Ne din no kɛseyɛ:
Ky'rɛ Ne tumi, nea Ne basa ayɛ;
N'adɔe wɔ hɔ awo ntoatoaso ny'naam',
Ne din kronkron, Aw'rade Tumfo no.
Me kra, kamfo Ne din no kɛseyɛ:
Ky'rɛ Ne tumi, nea Ne basa ayɛ;
N'adɔe wɔ hɔ awo ntoatoaso ny'naam',
Ne din kronkron, Aw'rade Tumfo no.
[V3]
Me kra, kamfo Ne tumi kɛseyɛ:
Atumfo de wɔn anuonyam to nkyɛn;
Ahantan koma ne ɔpɛ ny'naa guan,
Nea 'kɔm de mee, wɔma 'wiɛmfo so.
Me kra, kamfo Ne tumi kɛseyɛ:
Atumfo de wɔn anuonyam to nkyɛn;
Ahantan koma ne ɔpɛ ny'naa guan,
Nea 'kɔm de mee, wɔma 'wiɛmfo so.
[V4]
Me kra, kamfo N'asɛm no anuonyam:
Ne bɔhyɛ tim hɔ, N'adɔe wɔ hɔ daa;
Me kra, kamfo Aw'rade kɛseyɛ
Ky'rɛ awo ntoatoaso kosi daapem.
Me kra, kamfo N'asɛm no anuonyam:
Ne bɔhyɛ tim hɔ, N'adɔe wɔ hɔ daa;
Me kra, kamfo Aw'rade kɛseyɛ
Ky'rɛ awo ntoatoaso kosi daapem.