Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #620

Hymn 620 Migyina Yordan Agya Hɔ

[V1]
Migyina Yordan agya hɔ,
Na meto m'ani hwɛ
Kanaan 'nigye asase no
Nea m'agyapade wɔ.

**Nnyeso**
Merekɔ bɔhyɛ 'sase so,
Merekɔ bɔhyɛ 'sase so,
O, hena ne me bɛkɔ hɔ?
Merekɔ bɔhyɛ 'sase so.

[V2]

Nsase pataa no akyi na
Dā a ɛnsa da no hy'rɛn;
Hɔ na Kristo di hen' daa daa,
Na ɔpam sum fi hɔ.

[V3]

Medu 'nigye bea hɔ da bɛn,
Na manya daa nhyira?
Mehu m'Agya anim da bɛn
Ahom' N'ahemman nom'?

[V4]

Anigye ahyɛ me kra ma
Merentumi ntra ha;
Yordan 's'rɔkye bɔ me ho mpō a
Minsųro, mɛkɔ anim.

620. Migyina Yordan Agya Hɔ

Link copied to clipboard successfully!