Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #621
Hymn 621 Agya Dɛɛfo, BɔW' Mma Ho Ban
[V1]
Agya Dɛɛfo, bɔW' mma ho ban
Fi ɔtamfo no sɛe mu'
'W'ra, gye wɔn fi asehwe mu,
Sum ne sɔhwɛ dɔn yi mu!
Wobɛsɔ Wo nk'rɔfo ahwɛ,
Etwa sɛ yɛfa sɔhwɛm'
Nanso W'asɛm hy'rɛn yɛn kwan so
Na yɛn w'rɛ hyɛ Nyame mu.
Agya Dɛɛfo, bɔW' mma ho ban
Fi ɔtamfo no sɛe mu'
'W'ra, gye wɔn fi asehwe mu,
Sum ne sɔhwɛ dɔn yi mu!
Wobɛsɔ Wo nk'rɔfo ahwɛ,
Etwa sɛ yɛfa sɔhwɛm'
Nanso W'asɛm hy'rɛn yɛn kwan so
Na yɛn w'rɛ hyɛ Nyame mu.
[V2]
ɔtwɛn b're mu na yɛwɔ yi,
Ͻrenkyɛ yebehu No,
B're a yɛn aw'rɛhow atwam,
Akɔgye yɛn akatua;
'W'ra kōra yɛn fi fam nkekae ho
Kosi W'ahoyi no mu,
Ma Wo Honhom no nhyɛ yɛn den
Kosi sɛW' frankaa behim.
ɔtwɛn b're mu na yɛwɔ yi,
Ͻrenkyɛ yebehu No,
B're a yɛn aw'rɛhow atwam,
Akɔgye yɛn akatua;
'W'ra kōra yɛn fi fam nkekae ho
Kosi W'ahoyi no mu,
Ma Wo Honhom no nhyɛ yɛn den
Kosi sɛW' frankaa behim.
[V3]
Ahotefo no de dɛw na
Ebehu Wo frankaa no.
B're a 'W'ra a yɛatwɛn No no
Bɛma nkonimdi nteam no;
Yɛanya ahofadi afi
Wiase porɔe, bɔn' ne yaw,
Satan mfiri horow nyinaa,
Ne 'wu sɛe ahenni nom'.
Ahotefo no de dɛw na
Ebehu Wo frankaa no.
B're a 'W'ra a yɛatwɛn No no
Bɛma nkonimdi nteam no;
Yɛanya ahofadi afi
Wiase porɔe, bɔn' ne yaw,
Satan mfiri horow nyinaa,
Ne 'wu sɛe ahenni nom'.