Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #604

Hymn 604 Yennim B're Ko No a Owura No Reba

[V1]
Yennim b're ko no a Owura no reba,
Nanso nsɛnky'rɛnne nyinaa kyerɛ sɛ b're a
ɔbɛba no abɛn ɔ anigye bɔhyɛ ni!
Nanso yennim b're ko.

**Nnyeso**
ɔbɛba, momma yɛnnwɛn nyɛ 'hoboa,
ɔbɛba, haleluya, haleluya!
ɔbɛba N'Agya anuonyam mununkum no mu.
Nanso yennim b're ko.

[V2]

Hann wɔ hɔ ma mmadwemmā a wɔhwehwɛ nkwagye;
Nokware wɔ 'W'rade adiyi nwoma nom'
Nkɔmhyɛ no mu biara ky'rɛ awiei kɛse no,
Nanso yennim b're ko.

[V3]

Yɛde yɛn 'kanea no bɛwɛn abɔ mpae na
Yɛayɛ 'dwuma atwɛn kosi 'Wura no mmae.
Yɛbɛte sɛnky'rɛnne biarā ase ato dwom,
Nanso yennim b're ko.

604. Yennim B're Ko No a Owura No Reba

Link copied to clipboard successfully!