Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #603

Hymn 603 Kristoni, Nnye W'ahome

[V1]
Kristoni, nnye w'ahome,
To w'ahom'gye adwen gu;
Wugyina dɔm mfimfini;
Wɛn, bɔ mpae!

[V2]

Fa wo s'ro akode hyɛ,
Hyɛ no 'nadwo ne awia;
ɔbɔne no retɛw wo;
Wɛn, bɔ mpae!

[V3]

Tie wɔn a wɔadi nkonim;
Wɔhyɛ 'kofo kwan 'gyirae;
Wɔn ny'naa de nne dɛdɛ teɛm;
\"Wɛn, bɔ mpae!\"

[V4]

Tit'riw no, tie w'Aw'rade,
Wo kɔn dɔ sɛ wutie No;
Fa N'asɛm sie wo komam;
\"Wɛn bɔ mpae!\"

[V5]

Wɛn te sɛnea ɛno nko
Na nkonim no gyina so;
Srɛ sɛ mmoa fi s'ro bɛba;
\"Wɛn, bɔ mpae!\"

603. Kristoni, Nnye W'ahome

Link copied to clipboard successfully!