Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #486

Hymn 486 Agya Metrɛ Me Nsam Ky'rɛ Wo

[V1]
Agya metrɛ me nsam ky'rɛ Wo,
Minnim ɔboafo bi;
Sɛ Wotwe Wo ho fi me hō a,
Ao, 'hefa na mɛkɔ?

[V2]

Megye Wo dɔ Ba no di nnɛ,
Ma mente Wo tum' nka;
Yɛ m'ahiade nyinaa ma me,
Saa ɔgye b're yi mu.

[V3]

Wo a gyidi fi Wo, mema
M'ani so kyerɛ Wo;
O, ma minnya akyɛde a
Ͻma kra nkwa no bi.

[V4]

Minim sɛ Woremma me nwu;
Kasa na menya nkwa;
Mɛtwɛn 'hoɔden mu kosi sɛ
Menya Wo Honhom no.

[V5]

Sɛ mihu W'anim a, me kra
B'rɛfo ani bɛgye!
Ma mente Wo nnč a ɛma nkwa
Nnya Wo fa'fri dom no.

[V6]

Migye di, migye di seesei,
Sɛ Yesu wu maa me;
Ohwiee Ne mogya dehye no
De gyee me fii bɔnem'

486. Agya Metrɛ Me Nsam Ky'rɛ Wo

Link copied to clipboard successfully!