Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #147
Hymn 147 Kristo Gyina Bepɔ So
[V1]
Kristo gyina bepɔ so,
Anuonyam hann twa Ne ho hyia;
Momma yɛne 'hotefo
Ne abɔfo nyi No ayɛ:
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
Kristo gyina bepɔ so,
Anuonyam hann twa Ne ho hyia;
Momma yɛne 'hotefo
Ne abɔfo nyi No ayɛ:
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
[V2]
Yɛde 'hopopo huu sɛ
Mose ne Elia rekasa:
'Diyifo ne mm'ra no ny'naa
Nam wɔn so ky'rɛ wɔn anigye:
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
Yɛde 'hopopo huu sɛ
Mose ne Elia rekasa:
'Diyifo ne mm'ra no ny'naa
Nam wɔn so ky'rɛ wɔn anigye:
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
[V3]
'Nuonyam munumkum no bae;
Nyankopɔn fi ahum no mu
Bɔɔ yesu din sɛ Ne Ba;
Na aman team ahodw'ri mu!
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
'Nuonyam munumkum no bae;
Nyankopɔn fi ahum no mu
Bɔɔ yesu din sɛ Ne Ba;
Na aman team ahodw'ri mu!
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
[V4]
'Yi ne Nyame dɔ Ba no:
mm'ra ne 'diyifo y'ra N'anim;
'Dikanfo ne awiei no,
Ma abɔde ny'naa nkamfo No;
Haleluya, Haleluya, Haleluya.
'Yi ne Nyame dɔ Ba no:
mm'ra ne 'diyifo y'ra N'anim;
'Dikanfo ne awiei no,
Ma abɔde ny'naa nkamfo No;
Haleluya, Haleluya, Haleluya.