Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #487

Hymn 487 Me Nko Meba Turo Mu Hɔ

[V1]
Me nko meba turo mu hɔ
B're a bosu da so wɔ nhw'ren so;
Na mete nne bi gyigye wɔ m'asom',
Ͻyɛ Nyame Ba no nne.

**Nnyeso**
ɔne me nantew, ɔne me kasa,
ɔse me sɛ meyɛ Ne de,
'Nigye a me ne No nya wɔ hɔ no,
Obiara nnyaa bi saa da.

[V2]

ɔkasa na Ne nne dɛ nti,
Nnomaa nyinaa gyae dwonto yɛ komm,
Na dwom dɛdɛ a ɔde maa me no
Rewosow wɔ me komam'.

[V3]

Me ne No bɛtra turo nom'
Ͻmfa ho sɛ sum reduru me;
Na ɔse memfa yaw nne no mu nkɔ,
Ne nne gu so refrɛ me.

487. Me Nko Meba Turo Mu Hɔ

Link copied to clipboard successfully!