Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #478

Hymn 478 Mpaebɔ B're Pā a

[V1]
Mpaebɔ b're pa, mpaebɔ b're pā a
Ͻfrɛm' fi wiase dadwen mu,
Sɛ memfa m'ahiade nyinaa
Mmra m'Agya 'hengua no anim!
'W'rɛhow ne basamtu b're mu
Me kra nya 'hotɔ wɔ Wo mu;
Miguan' fi sɔhwɛfo no mf'rim
B'rč a wosan ba, mpaebɔ b're pa.

[V2]

Mpaebɔ b're pa, mpaebɔ b're pa,
Wo ntaban bɛsoa m'adesrɛ,
Akɔ Nokwafo a Ohy'ra
ɔkra a ɔretwɛn no nkyɛn;
B'rč a ɔse me sɛ menhwehwɛ
N'anim, minnye N'asɛm nni no,
Mede me haw ny'naa bɛma No,
Na matwɛn wo, mpaebɔ b're pa.

[V3]

Mpaebɔ b're pa, mpaebɔ b're pa!
Ma miinya w'aw'rɛkyekye no,
Kosi sɛ mifi Pisga so
Behu me fie, matu akɔ;
Mede honam a ɛmp'rɔ da
Mɛkɔ akɔgye 'katua no;
B'rč a menam wim no mɛteam sɛ
\"Makra wo, O, mpaebɔ b're pa!\"

478. Mpaebɔ B're Pā a

Link copied to clipboard successfully!