Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #221
Hymn 221 Di Dɛw, 'W'rade Yɛ Hen'
[V1]
Di dɛw, 'W'rade yɛ Hen'!
Kamfo wo Hen' W'rade;
Da No ase, to dwom,
Na di ah'rusi daa:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
Di dɛw, 'W'rade yɛ Hen'!
Kamfo wo Hen' W'rade;
Da No ase, to dwom,
Na di ah'rusi daa:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
[V2]
'Gyenkwa Yesu di Hen'
Nokwar' ne dɔ Nyame;
ɔpaa yɛn bɔn' wiei no,
ɔkɔfaa N'agua no:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
'Gyenkwa Yesu di Hen'
Nokwar' ne dɔ Nyame;
ɔpaa yɛn bɔn' wiei no,
ɔkɔfaa N'agua no:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
[V3]
N'ahenni rengu da,
Odi hen' fam ne s'ro';
Owu ne asaman
Safoa wɔ Yesu nsam;
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
N'ahenni rengu da,
Odi hen' fam ne s'ro';
Owu ne asaman
Safoa wɔ Yesu nsam;
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
[V4]
Di dɛw 'nidaso mu,
Yɛn W'ra temmufo no
Bɛba 'bɛfa Ne nkoa
Akɔ wɔn daapem fie:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!
Di dɛw 'nidaso mu,
Yɛn W'ra temmufo no
Bɛba 'bɛfa Ne nkoa
Akɔ wɔn daapem fie:
Ma wo koma ne wo nne so!
Di dɛw, meka bio sɛ, di dɛw!