Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #457
Hymn 457 Medɔ Sɛ Mɛka 'Sɛm No
[V1]
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
S'ro nneɛma a wonhu;
Yesu ne N'anuonyam no
Jesu ne Ne dɔ no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ ɛyɛ nokwar';
Ema m'ahwehwɛde a
B'ribi fof'ro ntum' mma.
**Nnyeso**
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no
Ͻbɛyɛ m'anuonyamsɛm
Sɛ mɛka tetesɛm no,
Yesu ne Ne dɔ no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
S'ro nneɛma a wonhu;
Yesu ne N'anuonyam no
Jesu ne Ne dɔ no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ ɛyɛ nokwar';
Ema m'ahwehwɛde a
B'ribi fof'ro ntum' mma.
**Nnyeso**
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no
Ͻbɛyɛ m'anuonyamsɛm
Sɛ mɛka tetesɛm no,
Yesu ne Ne dɔ no.
[V2]
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
Ͻyɛ 'nwanwade a
Ͻkyɛn nsusui pā a yehu
Wɔ adaeso nyinaam';
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no;
Ayɛ bi ama me,
Enti na mereka no
Seesei aky'rɛ wo no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
Ͻyɛ 'nwanwade a
Ͻkyɛn nsusui pā a yehu
Wɔ adaeso nyinaam';
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no;
Ayɛ bi ama me,
Enti na mereka no
Seesei aky'rɛ wo no.
[V3]
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
Ne ka yɛ m'anigye;
B're biara a mɛka no
Ͻma ɔdɛw mm'roso;
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ binom nnya ntee
Nkwagyesɛm no a efi
Nyame nnwuma mu no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
Ne ka yɛ m'anigye;
B're biara a mɛka no
Ͻma ɔdɛw mm'roso;
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ binom nnya ntee
Nkwagyesɛm no a efi
Nyame nnwuma mu no.
[V4]
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ wɔn a wonim
Mpo ho pere wɔn te sɛ
Wɔn a wɔntee da no;
Na meto dwom fof'ro no
Wɔ anuonyam mu a,
Ͻbɛyɛ tetesɛm a
Madɔ no mpɛm pii no.
Medɔ sɛ mɛka 'sɛm no,
'Fisɛ wɔn a wonim
Mpo ho pere wɔn te sɛ
Wɔn a wɔntee da no;
Na meto dwom fof'ro no
Wɔ anuonyam mu a,
Ͻbɛyɛ tetesɛm a
Madɔ no mpɛm pii no.