Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #456

Hymn 456 Mewɔ Adamfo Pa Bi

[V1]
Mewɔ Adamfo pa bi,
ɔsom me bo bebree;
ɔwɔ ayamhyehye ma me,
ɔdɔ me nokwarem';
ɔnka me hō a mentumi ntra,
Me kɔn dɔ sɛ ɔbɛn me,
Enti me ne No tra bom,
Me ne me W'ra.

[V2]

Ͻtɔ dā a na mabotow,
Onim sɛ meyɛ mm'rɛw,
Mede dɛw hwehwɛ Ne hɔ mmoa,
Fisɛ ɔpe no saa;
ɔde me fa hann kwan no so,
Owia ntremu ase,
Enti me ne No tra bom,
Me ne me W'ra.

[V3]

Meka m'awerɛhow ne
M'anigye ny'naa ky'rɛ No,
Meka nea ɛsɔ m'ani ne,
'Bufuwsɛm ny'naa kyrɛ No;
ɔky'rɛ me nea 'sɛ sɛ meyɛ,
ɔma me nkuranhyɛ,
Enti yedi nkɔmmɔ bom,
Me ne me W'ra.

[V4]

Onim sɛ mepere sɛ
Mɛgye kra brɛfo bi,
ɔhyɛ me sɛ menkɔ nkɔka
ɔdɔ nsɛm no mma No,
Na menka N'awanwa dɔ ne
Nea 'nti Owui no nky'rɛ;
Enti yɛyɛ 'dwuma bom,
Me ne me W'ra.

456. Mewɔ Adamfo Pa Bi

Link copied to clipboard successfully!