Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #455
Hymn 455 Daa Dɔ a Ͻso Nte Da No
[V1]
Daa Dɔ a ɛso nte da no,
Ͻsen kwa da biara;
Wɔkyɛ no daa, nso ɛso nte
Po a ɛnwe da no.
Daa Dɔ a ɛso nte da no,
Ͻsen kwa da biara;
Wɔkyɛ no daa, nso ɛso nte
Po a ɛnwe da no.
[V2]
Yerentumi nkɔ s'ro nkɔfa
'W'ra Kristo mma fam ha;
Yɛbreɛ kwa hwehwe No 'bun mu
Fisɛ 'bun ntum' nkōra No
Yerentumi nkɔ s'ro nkɔfa
'W'ra Kristo mma fam ha;
Yɛbreɛ kwa hwehwe No 'bun mu
Fisɛ 'bun ntum' nkōra No
[V3]
Nanso ɔwɔ 'dwo ne tema
ɔyɛ mprempren boafo;
Gyidi wɔ Ne Ngo bepɔ so
Dɔ wɔ Ne Galilee.
Nanso ɔwɔ 'dwo ne tema
ɔyɛ mprempren boafo;
Gyidi wɔ Ne Ngo bepɔ so
Dɔ wɔ Ne Galilee.
[V4]
N'atade mu yaresa no
Bɛn yɛn yare mpa no;
Yɛde yɛn nsa ka No mpo a,
Yenya ayaresa.
N'atade mu yaresa no
Bɛn yɛn yare mpa no;
Yɛde yɛn nsa ka No mpo a,
Yenya ayaresa.
[V5]
Mpae a edi kan fa Ne so,
Yɛn mmɔfrab'rem' de no;
Wɔn a wɔda wu mpa so mpo
De Ne din dɔ wu mu.
Mpae a edi kan fa Ne so,
Yɛn mmɔfrab'rem' de no;
Wɔn a wɔda wu mpa so mpo
De Ne din dɔ wu mu.
[V6]
O, yɛn nyinaa Awurade
Din biarā a yɛwɔ no,
Efi Wo hɔ, yɛte Wo frɛ;
Yɛhwɛ W'bra bɔ yɛn de.
O, yɛn nyinaa Awurade
Din biarā a yɛwɔ no,
Efi Wo hɔ, yɛte Wo frɛ;
Yɛhwɛ W'bra bɔ yɛn de.