Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #336
Hymn 336 Bura Bi Wɔ Hɔ Mogya Ma
[V1]
Bura bi wɔ hɔ mogya ma
Efi Immanuel mfem';
Nnebɔn'yɛfo bɛtɔ mu a,
Wɔn ho fi nyinaa pa.
Bura bi wɔ hɔ mogya ma
Efi Immanuel mfem';
Nnebɔn'yɛfo bɛtɔ mu a,
Wɔn ho fi nyinaa pa.
[V2]
Owifo no, ɔde dɛw huu
'Bura no ne b're so;
Hɔ na me ho fi te sɛ nō a,
Mɛh'ro me bɔn' nyinaa.
Owifo no, ɔde dɛw huu
'Bura no ne b're so;
Hɔ na me ho fi te sɛ nō a,
Mɛh'ro me bɔn' nyinaa.
[V3]
Guammá a Worewu! Wo mogya
Tumi no rempa da,
Kosi sɛ Nyame mma benya
Nkwa agyae bɔne yɛ.
Guammá a Worewu! Wo mogya
Tumi no rempa da,
Kosi sɛ Nyame mma benya
Nkwa agyae bɔne yɛ.
[V4]
Efi dá a mihuu nsu no a
Efi N'akrum sen no,
Nkwagye dɔ no n'ayɛ m'adwen
N'ɛbɛyɛ m'adwen daa.
Efi dá a mihuu nsu no a
Efi N'akrum sen no,
Nkwagye dɔ no n'ayɛ m'adwen
N'ɛbɛyɛ m'adwen daa.
[V5]
Wura, minim sɛ Woasiesie,
Ewom, memfata de,
Woasiesie mogyā atɔde pa,
Sika sanku amam'!
Wura, minim sɛ Woasiesie,
Ewom, memfata de,
Woasiesie mogyā atɔde pa,
Sika sanku amam'!
[V6]
Mɛto Wo gye tum' no ho dwom
Anuonyam dwom dɛdɛ.
Dá a me tɛkrɛma pemee yi
Benyan afi ɔdam'.
Mɛto Wo gye tum' no ho dwom
Anuonyam dwom dɛdɛ.
Dá a me tɛkrɛma pemee yi
Benyan afi ɔdam'.