Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #337

Hymn 337 Wɔagyem'

[V1]
Wɔagye me nkwa! Anigyesɛm ni!
'Guammaa no mogya agye me;
N'ahummɔbɔ kɛse agye me,
Na mayɛ Ne ba afebɔɔ.

**Nnyeso**
Wɔagyem', Wɔagyem'
'Guammaa no mogya agye me;
Wɔagyem', Wɔagyem'
Na mayɛ Ne ba afebɔɔ.

[V3]

Wɔagye me na m'ani gye Yesum'!
M'anigye no, wontumi nka,
Na minim sɛ N'ahoyi hann no
Da so ne me wɔ hɔ daa daa.

[V4]

Minim sɛ 'henkyɛw bi retwɛn me
Wɔ s'ro fie a ɛhy'rɛn no mu;
Na ɛrenkyɛ me ne 'hotefo
Ne 'W'rade bɛtra afebɔɔ.

337. Wɔagyem'

Link copied to clipboard successfully!