Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #321

Hymn 321 Yesu Medo Wo, Minim Sɛ Wowɔ Me

[V1]
Yesu medɔ Wo, minim sɛ Wowɔ me;
Migyaa bɔnem' anigye nyinaa ma Wo;
ɔgyefo ne domfo, Woyɛ m'Agyenkwa;
Me dɔfo Yesu, medɔ Wo nnɛ sen daa.

[V2]

Medɔ Wo efisɛ Wudii kan dɔɔ me,
Tɔɔ me fafiri wɔ Kalbre dua no so;
Medɔ Wo sɛ Wosoaa nsɔekyɛw Wo ti so;
Me dɔfo Yesu, medɔ Wo nnɛ sen daa.

[V3]

Mɛdɔ Wo nkwa mu, mɛdɔW' kosi 'wu mu,
Meyi Wo ayɛ me nkwa nna nyinaa mu;
Sɛ 'wu bosu gu me so a mɛka sɛ;
Me dɔfo Yesu, medɔ Wo nnɛ sen daa.

[V4]

Anųonyam aban ne daa 'hosɛpɛw mu,
Meyi W' ayɛ daa s'ro man hyɛnhyɛn no mu;
Mɛhyɛ 'henkyɛw hyɛnhyɛn no ato dwom sɛ;
Me dɔfo Yesu, medɔ Wo nnɛ sen daa.

321. Yesu Medo Wo, Minim Sɛ Wowɔ Me

Link copied to clipboard successfully!