Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #322

Hymn 322 Hwee Nni Ntam

[V1]
Hwee nni me kra ne Agyenkwa no ntam,
Wiase ha nneɛma, edi huammɔ;
Magyaw bɔne ne emu dɛw nyinaa ɔ
Yesu wɔ me! B'ribiara nni ntam.

**Nnyeso**
Hwee nni me kra ne Agyenkwa ntam,
Sɛnea mehu N'anim fɛfɛ no;
Hwee rensi Ne dom no mu biara ho kwan
Ma kwan nyɛ peteč a b'ribi nni ntam

[V2]

Hwee nni ntam te sɛ wiase anigye
ɔbra mu suban, sɛ ɛte biara
Nni sɛ ɛtew me koma fi Ne ho ɔ
M'ade ne No! B'ribiara nni ntam.

[V3]

Hwee nni ntam, mpo sɔhwɛ dennen horow,
Sɛ wiase yi ny'naa bom tia me a,
Mede mpaebɔ bɛtwɛn 'hopakyi mu
Medi nkonim! B'ribi remma ntam.

322. Hwee Nni Ntam

Link copied to clipboard successfully!