Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #320
Hymn 320 Abɔde W'ra, Ayeyi Ny'naa Wɔ Wo
[V1]
Abɔde W'ra, ayeyi ny'naa wɔ Wo,
Wo nnwuma yɛ kɛse, W'akwan yɛ nwanwa!
W'anuonyam ne Wo tumi tra y'adwen,
Nanso Wotra 'hobrɛaseni koma mu.
Abɔde W'ra, ayeyi ny'naa wɔ Wo,
Wo nnwuma yɛ kɛse, W'akwan yɛ nwanwa!
W'anuonyam ne Wo tumi tra y'adwen,
Nanso Wotra 'hobrɛaseni koma mu.
[V2]
Tumi ny'naa W'ra, mede me pɛ ma Wo,
Mede setie bɛyɛ W'adwuma 'nigyem;
Wo som ayɛ ahofadi ne nnwom;
Mehyɛ Wo nsa a, me mm'rɛwyɛ dan denhyɛ.
Tumi ny'naa W'ra, mede me pɛ ma Wo,
Mede setie bɛyɛ W'adwuma 'nigyem;
Wo som ayɛ ahofadi ne nnwom;
Mehyɛ Wo nsa a, me mm'rɛwyɛ dan denhyɛ.
[V3]
Nyansa ny'naa W'ra, mede m'adwen ma Wo,
Mehwehwɛ nokwar' a ɛtra adwen ny'naa;
Nea aniwa nhui, na aso ntee da,
Wo Honhom ky'rɛ, na ɛhy'rɛn fi W'asɛm mu.
Nyansa ny'naa W'ra, mede m'adwen ma Wo,
Mehwehwɛ nokwar' a ɛtra adwen ny'naa;
Nea aniwa nhui, na aso ntee da,
Wo Honhom ky'rɛ, na ɛhy'rɛn fi W'asɛm mu.
[V4]
Ade ny'naa W'ra, mede m'ade ma Wo,
Sɛ mepo Wo a misunti hwe ase;
Mesom Wo yɛ setie ma W'asɛm a,
Mɛnante W'ahofadim' akɔ awiei.
Ade ny'naa W'ra, mede m'ade ma Wo,
Sɛ mepo Wo a misunti hwe ase;
Mesom Wo yɛ setie ma W'asɛm a,
Mɛnante W'ahofadim' akɔ awiei.