Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #313
Hymn 313 Sɛnea Mete'i
[V1]
Sɛnea mete'i minni hwee ka,
Sɛ me nti Wuhwiee Wo mogya;
Na Worefrɛ me sɛ memmra,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i minni hwee ka,
Sɛ me nti Wuhwiee Wo mogya;
Na Worefrɛ me sɛ memmra,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
[V2]
Sɛnea mete'i mintumi ntwɛn,
Sɛ mɛpopa bɔne biako;
Wo mogya na ɛh'ro bɔne,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i mintumi ntwɛn,
Sɛ mɛpopa bɔne biako;
Wo mogya na ɛh'ro bɔne,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
[V3]
Sɛnea mete'i mayɛ pasaa,
Akyinnye ne ap'rep're mu;
Suro ne ko wɔ baabiara,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i mayɛ pasaa,
Akyinnye ne ap'rep're mu;
Suro ne ko wɔ baabiara,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
[V4]
Sɛnea mete'i ofuraeni;
Adehu ne adwenemtew.
Nea 'hia nyinaa, minya Wo mu,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i ofuraeni;
Adehu ne adwenemtew.
Nea 'hia nyinaa, minya Wo mu,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
[V5]
Sɛnea mete'i, Wobɛgye me,
De af'ri me, atew me ho;
'Fisɛ megye Wo bɔhyɛ di
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i, Wobɛgye me,
De af'ri me, atew me ho;
'Fisɛ megye Wo bɔhyɛ di
Nyame 'Guammaa maba (maba).
[V6]
Sɛnea mete'i Wo dɔ a minnim,
Abubu 'kwanside ny'naa mu;
Afei meyɛ Wo nko de daa,
Nyame 'Guammaa maba (maba).
Sɛnea mete'i Wo dɔ a minnim,
Abubu 'kwanside ny'naa mu;
Afei meyɛ Wo nko de daa,
Nyame 'Guammaa maba (maba).