Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #144

Hymn 144 O Monto Betlehem Ho Dwom

[V1]
O monto Betlehem ho dwom
Mfa nguanhwɛfo no ne
Nkrasɛm dɛdɛ a 'bɔfo no
De mae wɔ wim no ho;
Hann a epuee Betlehem no,
Ahyɛ wiase ma nnɛ;
Yesu awo ne fam 'somdwoe
Na 'bɔfo to ho dwom.

[V2]

O monto Nasaret ho dwom,
Monto dwom mfa nhwiren huamhuam
Ne 'Bofra kronn no ho;
Nasaret nhwiren betumi
Anyin koma biaram'.
Ne din a ɛsom bo no trɛw
Wɔ mframa biara mu.

[V3]

O monto Kalbre nso ho dwom,
N'anuonyam ne 'w'rɛhow,
Ne Nea ɔsɛn dua no so a
ɔsoaa yɛn bɔn' No ho;
'Fisɛ Nea Owui Kalbre no
Anyan afi wu mu;
Na Kristo a s'ro som No no,
Wɔ tum' sɛ ɔgye nkwa.

144. O Monto Betlehem Ho Dwom

Link copied to clipboard successfully!