Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #143

Hymn 143 'Nadwo Komm, 'Nadwo Kronn

[V1]
'Nadwo komm, 'nadwo kronn,
Baabiara ayɛ hann;
Ͻna baabun ne Abofra,
'Kokoaa kronkron a ɔyɛ mm'rɛw;
Da s'ro asomdwoe mu,
Da s'ro asomdwoe mu.

[V2]

'Nadwo komm, 'nadwo kronn,
Sum no kɔ, hann aba;
Nguanhwɛfo tie abɔfo dwom:
Haleluya! ɔhene mo!
Wɔawo 'Gyenkwa Kristo,
Wɔawo 'Gyenkwa Kristo.

[V3]

'Nadwo komm, 'nadwo kronn,
Nyame Ba, Dɔ Hann pa;
Hann hy'rɛn fi W'anim kronkron mu,
ɔdom nkwagye anɔpa no,
'W'ra Yesu, W'awo mu,
'W'ra Yesu, W'awo mu.

[V4]

'Nadwo komm, 'nadwo kronn,
Hyerɛn, ns'romma nwanwa;
Momma yɛne 'bɔfo nto dwom:
Haleluya nka yɛn Hene;
Wɔawo 'Gyenkwa Kristo,
Wɔawo 'Gyenkwa Kristo.

143. 'Nadwo Komm, 'Nadwo Kronn

Link copied to clipboard successfully!